Publicidade

Isaías 51

Sion Daapem Nkwagyeɛ

1 "Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan;

na mohwehwɛ Awurade;

Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no

ne abopaebea a wɔtuu mo firii no;

2 Monhwɛ Abraham mo agya,

ne Sara a ɔwoo mo no.

Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ,

na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.

3 Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara

na ne yam bɛhyehye no ne mmubuiɛ no ho;

ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ Eden,

nʼasase a ada mpan bɛyɛ Awurade turo.

Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ,

aseda ne nnwontoɔ ne mu.

4 "Montie me, me nkurɔfoɔ;

monyɛ aso mma me, me ɔman:

Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ;

na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.

5 Me tenenee reba ntɛm so,

me nkwagyeɛ nam ɛkwan so,

na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no.

Nsupɔ no bɛhwehwɛ me

na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.

6 Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro,

monhwɛ asase fam;

ɔsorosoro bɛtu ayera wisie

na asase bɛtete atadeɛ

na wɔn a wɔte so bɛwuwu nwansena.

Nanso me nkwagyeɛ bɛtena daa,

me tenenee to rentwa da.

7 "Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ,

mo a me mmara mo akoma mu:

Monnsuro nnipa animka

anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.

8 Na nweweboa bɛwe wɔn te deɛ wɔwe atadeɛ;

ɔsonsono bɛsɛe wɔn te deɛ wɔsɛe kuntu.

Nanso me tenenee bɛtena daa

me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so."

9 Nyane, nyane! Ao Awurade basa

hyɛ ahoɔden aduradeɛ;

nyane te nna a atwam no,

te tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.

Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,

na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?

10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ,

nsubunu mu nsuo no,

deɛ ɔpaee ɛkwan ɛpo bunu mu no

sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?

11 Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba.

Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;

anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire,

anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so,

awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.

12 "Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.

Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,

nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.

13 Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ,

deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu

na ɔhyɛɛ asase ase no?

Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo?

Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa?

Na ɔhyɛsoni no abufuo he?

14 Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no;

wɔrenwuwu afiase amena mu,

na aduane remmɔ wɔn.

15 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn

deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so.

Asafo Awurade, ne ne din.

16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,

na mede me nsa ase nwunu akata wo so.

Me a mede ɔsorosoro sii

na mehyɛɛ asase ase

na meka kyerɛ Sion , Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ "

Awurade Abufuhyeɛ Kuruwa

17 Nyane, nyane!

Sɔre, Ao, Yerusalem!

Wo a wanom afiri Awurade nsam

nʼabufuo kuruwa no,

wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo

deɛ ɛma nnipa ntintan no.

18 Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu

obiara nni a ɔkyerɛ wo ɛkwan;

mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu

obiara nni a ɔsɔ wo nsa mu.

19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,

hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?

Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,

hwan na ɔbɛhyɛ wo den?

20 Wo mma atotɔ baha;

wɔdeda mmɔntene so baabiara,

te ɔtwe a afidie ayi no.

Awurade abufuo aba wɔn so

wo Onyankopɔn animka no.

21 Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ

waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.

22 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,

wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:

"Hwɛ, magye afiri wo nsa mu

kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no

kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,

worennom bio.

23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,

wɔn a wɔka kyerɛɛ mo ,

Butu fam na yɛnnante wo so.

Na wode wʼakyi yɛɛ fam

te abɔntene a wɔnante so."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-