Publicidade

Isaías 59

Bɔne, Bɔneka Ne Ɔgyeɛ

1 Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa ɛrennye nkwa,

na nʼasom nyɛ den ɛrente asɛm.

2 Nanso, mo amumuyɛ na atete

mo ne mo Onyankopɔn ntam;

mo bɔne ama nʼanim ahinta mo,

a enti ɔrente.

3 Na mogya akeka mo nsa ho,

afɔdie afɔre mo nsateaa.

Mo ano akeka atorɔsɛm,

mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro.

4 Obiara nhwehwɛ atɛntenee;

obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro.

Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo;

wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

5 Wɔhwane ananka nkosua

na wɔnwono ananse ntontan.

Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu,

emu baako nso a, ɛpae ahuritia.

6 Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ;

wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho.

Wɔn nneyɛɛ nneyɛɛ bɔne,

na wɔdi akakabensɛm.

7 Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne;

wɔnkyɛre opira ne awudie ho.

Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe pasaa.

8 Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim;

atɛntenenee nni wɔn akwan so.

Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi.

Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ.

9 Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware,

na adetenenee mmɛn yɛn.

Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa esum;

deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.

10 Yɛayɛ te anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho

hwehwɛ kwan te nnipa a wɔnni ani.

Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ;

yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte awufoɔ.

11 Yɛn nyinaa so te sisire;

yɛde awerɛhoɔ kurum mmorɔnoma.

Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi;

ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.

12 Ɛfiri , yɛn mfomsoɔ adɔɔso wʼani so,

na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.

Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa,

na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:

13 atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade,

yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn,

nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ,

atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka.

14 Enti wɔapam atɛntenenee nʼakyi,

na adetenenee akɔgyina baabi;

nokorɛ ahwe ase mmɔntene so.

Nokorɛdie ntumi mma mu.

15 Nokorɛ nni baabiara,

obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ.

Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani

atɛntenenee nni .

16 Ohunuu obiara nni .

Ɛyɛɛ no nwanwa obiara nni a ɔbɛpata;

enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no,

na ne tenenee wowaa no.

17 Ɔhyɛɛ tenenee nkataboɔ,

ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne tiri so.

Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ

na ɔde mmɔdemmɔ firaa ntoma.

18 Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so

atua so ka.

Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ.

Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua;

nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.

19 Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din

na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam.

Na ɔbɛba nsuo a ayiri tɛnn,

Awurade ahomeguo de no bɛba.

20 "Ɔgyefoɔ no bɛba Sion,

na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,"

sei na Awurade seɛ.

21 "Medeɛ yei me ne wɔn apam," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. "Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem," sei na Awurade seɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-