Publicidade

Isaías 64

1 Ao, anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a,

ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wʼanim!

2 Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre

na ɛma nsuo huru no,

siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din

na ma amanaman no ho mpopo wʼanim!

3 Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no,

wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wʼanim.

4 Ɛfiri teteete obiara nteeɛ,

ɛntwaa obiara aso mu,

ani biara nhunuu Onyankopɔn bi wo,

deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.

5 Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ deɛ ɛtene,

wɔn a wɔkae wʼakwan.

Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no,

wo bo fuiɛ.

Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?

6 Yɛn nyinaa ayɛ obi a ne ho nteɛ,

na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te ntomago fi;

yɛn nyinaa akusa te ahahan,

na yɛn bɔne pra yɛn te mframa.

7 Obiara mmɔ wo din,

na obiara mpere ɔbɛso wo mu;

ɛfiri wode wʼanim ahinta yɛn

na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.

8 Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.

Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;

yɛn nyinaa wo nsa ano adwuma.

9 Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;

nkae yɛn bɔne da biara da.

Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,

ɛfiri yɛn nyinaa wo nkurɔfoɔ.

10 Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam;

Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.

11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no,

wɔde ogya ahye,

na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.

12 Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa?

Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-