Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 102

Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu.

1 Awurade, tie me mpaebɔ;

na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.

2 Mmfa wʼanim nhintaw me

bere a mewɔ ahohia mu.

Brɛ wʼaso ase ma me;

na misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.

3 Me nkwanna reyera te wusiw;

me nnompe adɔ nyansramma.

4 Me koma abotow na akisa sare;

na me kɔn nnɔ aduan.

5 Mʼapinisi dennen nti

maka ɔhonam ne nnompe.

6 Mete sare so patu,

te patu a ɔte nnwiriwii mu.

7 Meda a, mʼani gu so; mayɛ

anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.

8 Da mu nyinaa mʼatamfo me akutia.

Wɔn a wodi me ho fɛw no me din de dome.

9 Mede nsõ ayɛ mʼaduan

na mede nusu fra me nsu mu

10 esiane wʼabufuwhyew dennen no nti,

woama me so, ayi me asi nkyɛn.

11 Me nkwa nna te anwummere sunsuma;

na mehyew sare.

12 Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;

na wo din a ahyeta no te daa awo ntoatoaso nyinaa mu.

13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ;

bere adu wuhu no mmɔbɔ;

bere a wohyɛe no aso.

14 Nʼabo som bo ma wʼasomfo;

ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.

15 Amanaman no besuro Awurade din;

asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.

16 Awurade bɛkyekyere Sion bio,

na wapue nʼanuonyam mu.

17 Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ;

na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

18 Monkyerɛw eyi mma nkyirimma,

sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;

19 "Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea ɔsoro ;

ofi ɔsoro hwɛɛ asase,

20 sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi,

na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no."

21 Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din Sion

na wɔakamfo no Yerusalem,

22 bere a amanaman ne ahenni ahorow

behyia mu na wɔasom Awurade.

23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw bere a merenyin.

Otwaa me nkwa nna so.

24 Enti mekae se,

"Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, me nkwa nna mfimfini;

wo mfe daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.

25 Mfiase no wotoo asase fapem,

na ɔsoro wo nsa ano adwuma.

26 Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena daa;

wɔbɛtetew te atade.

Wobɛsesa wɔn te ntama,

na wɔbɛtow wɔn agu.

27 Nanso wote sɛnea wote,

na wo mfe to rentwa da.

28 Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wʼanim;

na wɔn asefo ase betim wʼanim."

Veja também