Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 103

8 Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9 Ɔrenkɔ so mmɔ sobo,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;

10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata

na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.

11 Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔe so wɔn a wosuro no no so.

12 Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

Veja também