Awurade Mmara Ho Osetie
9 Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?
Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.
10 Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
11 Mede wʼasɛm asie me koma mu
sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
12 Awurade, ayeyi nka wo;
kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
13 Mede mʼano ka mmara
a efi wʼanom nyinaa.
14 Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so,
sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.
15 Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
16 Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.Awurade