Awurade Mmara Ho Dɔ
97 Ao, medɔ wo mmara no yiye!
Midwinnwen ho da mu nyinaa.
98 Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo,
efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
99 Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa,
efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.
100 Mewɔ ntease sen mpanyimfo,
efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.