13 Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo
bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;
bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,