Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 148

1 Monkamfo Awurade!

Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,

monkamfo no ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

2 Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,

ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

3 Owia ne ɔsram, monkamfo no,

nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

4 Monkamfo no, ɔsoro mu soro

ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.

5 Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,

efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.

6 Ɔde wɔn sisii afebɔɔ;

na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

7 Monkamfo Awurade mfi asase so,

mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,

8 anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,

ahum a moyɛ nʼapɛde,

9 mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,

nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,

10 nwura mu mmoa ne anantwi,

abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,

11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,

mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,

12 mmerante ne mmabaa,

mmasiriwa ne mmofra nso.

13 Ma wɔnkamfo Awurade din,

na ne din so sen din biara;

nʼanuonyam korɔn asase ne ɔsoro so.

Veja também