Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 149

1 Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforo mma Awurade,

monkamfo no ahotefo asafo mu.

2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.

Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

3 Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din

na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

4 Na Awurade ani ne nkurɔfo;

ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

5 Momma ahotefo nni ahurusi anuonyam yi mu;

na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔn mpa so.

6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,

na ɛnyɛ afoa anofanu wɔn nsam,

7 wɔmfa ntɔ were amanaman no so

ne asotwe nnipa no so,

8 wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,

ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

9 wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.

Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.

Monkamfo Awurade.

Veja também