Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 17

Dawid Mpaebɔ.

1 Awurade, tie me trenee abisade;

tie me sufrɛ.

aso ma me mpaebɔ;

nea emfi nnaadaa anofafa mu.

2 Ma me bembu mfi wo;

ma wʼani nhu nea ɛyɛ .

3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu,

wohwehwɛ me mu anadwo,

na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu minsusuw bɔne bi ɛ;

mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

4 Nnipa nneyɛe fam no,

anom asɛm nti

matwe me ho afi

basabasayɛfo akwan ho.

5 Menam wʼakwan so daa;

me nan nhintiw ɛ.

6 Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn

na wubegye me so;

aso ma me na tie me mpaebɔ.

7 Da wo nwonwaso no adi;

wo a wode wo nsa nifa

gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa

fi wɔn atamfo nsam no.

8 Hwɛ me so obi a wodɔ no;

fa me sie wo ntaban nwini no ase,

9 fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,

mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.

10 Wopirim wɔn koma,

na wɔkasa ahantan so.

11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;

wɔn ani abere wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12 Wɔte gyata a hanam ho kɔm de no,

te gyata kɛse bi a wabutuw ahintawee.

13 Sɔre, Awurade!

Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;

fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.

14 Awurade, fa wo nsa

gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;

asase so nnipa a wɔn akatua nkwa yi mu no.

Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;

wɔn mmabarima bebree,

na wɔkora agyapade ma wɔn mma.

15 Na me trenee mu, mehu wʼanim;

minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também