1 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam!
Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,
2 Da biara, wɔkasa;
anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.
3 Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm;
wɔnnte wɔn nne.
4 Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,
na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.
Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.
5 Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,
te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.
6 Epue wɔ ɔsoro fa baabi
na atwa ne ho akosi ano;
biribiara nsiw ne hyew ho kwan.
7 Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyan ɔkra no.
Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,
ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.
8 Awurade ahyɛde teɛ;
ɛma koma mu anigye.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ebue ani.