Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 26

Dawid dwom.

1 Bu me bem, Awurade,

efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:

mede me ho too Awurade so

na manhinhim.

2 me hwɛ, Awurade,

hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.

3 Wʼadɔe mʼanim daa

na mɛnantew wo nokware mu.

4 Me ne nnaadaafo ntena

na me ne nyaatwomfo nso nni hwee .

5 Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ

na mempɛ me ne amumɔyɛfo tena.

6 Mehohoro me nsa bembu mu,

na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,

7 na mepae mu ka wʼayeyi

na meka wʼanwonwade nyinaa.

8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade,

faako a wʼanuonyam no.

9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ,

ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,

10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔn nsam

na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew;

hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12 Mʼanan sisi asase tamaa so;

na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

Veja também