1 Awurade ne me hann ne me nkwagye;
hena na minsuro no?
Awurade ne me nkwa ahoɔden,
na hena anim na me ho mpopo?
2 Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me
pɛ sɛ wokum me,
sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a,
wobehintihintiw ahwehwe ase.
3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,
me koma rentu;
mpo sɛ wotu me so sa a,
ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.