Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 28

Dawid dwom.

1 Wo na misu frɛ wo,

Awurade me Botan;

nsiw wʼaso me ho.

woyɛ komm a,

mɛyɛ wɔn a wɔasian amoa mu no.

2 Tie me mmɔborɔsu

bere a mefrɛ wo apɛ mmoa,

bere a mema me nsa so

kyerɛ wo Tenabea Kronkron .

3 Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,

mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.

Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,

nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.

4 Twe wɔn aso nea wɔayɛ no so;

wɔn adwuma bɔne no so;

tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka

na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.

5 wommu nea Awurade ayɛ

ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti

ɔbɛbrɛ wɔn ase

na ɔremma wɔnnsɔre bio.

6 Ayeyi nka Awurade,

efisɛ watie me mmɔborɔsu.

7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo

me koma ne mu ahotoso, na ɔboa me.

Me koma di ahurusi

na mede dwonto bɛda no ase.

8 Awurade ahoɔden ma ne nkurɔfo;

ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.

9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade;

wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.

Veja também