Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 32

1 Nhyira ne wɔn a

wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,

na wɔakata wɔn bɔne so.

2 Nhyira nka onipa a

Awurade mmu ne bɔne ngu no so

na nnaadaa nni ne honhom mu.

3 Bere a meyɛɛ komm no,

me nnompe yɛɛ mmrɛw,

apini a misii no da mu nyinaa nti.

4 Awia ne anadwo

wo nsa yɛɛ den me so;

mʼahoɔden sae

te awia bere mu ɔhyew.

5 Afei, migyee me bɔne too mu.

Mankata mʼamumɔyɛ so.

Mekae se, "Mɛka

me bɔne akyerɛ Awurade,"

na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.

6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae

bere a wohu wo;

ampa ara asu akɛse yiri a,

ɛrenka no.

Veja também