5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;
na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
6 ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,
na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.
7 Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,
nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho
efisɛ wɔnam bɔne akwan so.