5 Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;
na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
6 ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ,
na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.
7 Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,
nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho
ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.