Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 62

Dawid dwom.

1 Me kra ahomegye Onyankopɔn nko ara mu;

me nkwagye fi ne nkyɛn.

2 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;

ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.

3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn,

mo nyinaa besum me ahwe fam ana?

Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?

4 Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no

afi ne dibea a ɛkorɔn no so;

wɔn ani gye atorodi ho.

Wɔde wɔn ano hyira

na wɔn koma mu de, wɔdome.

5 Yiw me kra, gye wʼahome Onyankopɔn nko ara mu;

na ne mu na mʼanidaso .

6 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;

ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.

7 Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so;

ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.

8 Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;

monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,

efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.

9 Nnipa nyinaa te home;

akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee;

wɔkari wɔn nsania so a, wɔnka hwee;

wɔn nyinaa mu a wɔyɛ home nko.

10 Mommfa mo ho nto asisi so

na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho;

ɛwɔ mu mo ahonya dɔɔso de,

nanso mommfa mo koma nto so.

11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka,

nsɛm abien na mate ,

wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,

12 na wo, Awurade, na woyɛ adɔe,

ampa ara wubetua obiara ka

sɛnea nʼadwuma te.

Veja também