17 Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.
18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a,
Onyankopɔn, nnyaw me,
kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.