Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 82

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn di hene ɔsoro asafo mu;

obu atɛn "anyame" mu.

2 "Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban

na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?

3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn;

mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo;

munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.

5 "Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase.

Wokyinkyin sum mu;

na asase fapem nyinaa wosow.

6 "Mekae se, Moyɛ "anyame;"

mo nyinaa Ɔsorosoroni no mma.

7 Nanso mubewuwu nnipa ;

na moahwe ase ɔsodifo biara."

8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn;

efisɛ amanaman nyinaa wo de.

Veja também