Publicidade

Ezequiel 2

Hesekiel Frɛ

1 Ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, sɔre gyina , na me ne wo nkasa." 2 Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa , na metee ɔrekasa kyerɛ me.

3 Ɔkaa , "Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ mu, atuateɛ ɔman a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abɛsi ɛnnɛ. 4 Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no nnipa a wɔn aso den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.5 Na wɔtie anaa wɔantie a, ɛsiane wɔyɛ atuatefoɔ enti, wɔbɛhunu ampa ara odiyifoɔ bi aba wɔn mu. 6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu wɔyɛ atuatefoɔ. 7 Wɔyɛ atuatefoɔ ankasa nanso ɛsɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn; wɔbɛtie oo wɔrentie oo. 8 Nanso, wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ɛnte atua te saa atuatefoɔ no; bue wʼanomu na di deɛ mede ma wo no."

9 Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi . 10 Ɔtrɛɛ mu mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔatwerɛ abubuo, awerɛhoɔ ne nnome nsɛm.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-