Publicidade

Isaías 57

1 Ateneneefoɔ wu,

na obiara nnwene ho nʼakoma mu;

wɔfa Nyamesurofoɔ ,

na obiara nte aseɛ

wɔfa teneneefoɔ

sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.

2 Wɔn a wɔnante tee no

wɔhyɛne asomdwoeɛ mu;

wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda awufoɔ.

3 "Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,

mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!

4 Hwan na moresere no?

Hwan na moredi ne ho

na morebɔ no adapaa yi?

Monnyɛ atuatefoɔ fekuo

ne atorofoɔ asefoɔ anaa?

5 Mode ɔpɛ mmorosoɔ afɔdeɛ adum mu

ne dua biara ase;

mode mo mma afɔdeɛ mmɔnhwa a emu mu

ne abotan mpaapaeɛ ase.

6 Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu mu no,

wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.

Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so

na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.

Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

7 Moasiesie mo daberɛ kokoɔ a ɛkorɔn so;

ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.

8 Mo apono ne aponnwa akyi

na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.

Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,

mokɔdaa so na motrɛɛ mu;

mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,

na mohwɛɛ wɔn adagya mu.

9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn

na momaa mo nnuhwam dɔɔso.

Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;

mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!

10 Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,

nanso moanka da , Ɛho nni mfasoɔ.

Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,

enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.

11 "Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei

a enti moanni me nokorɛ,

na moankae me

anaa moannwene yei ho mo akoma mu?

Mayɛ dinn akyɛre no enti

na monnsuro me anaa?

12 Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,

na ɛho remma mo mfasoɔ.

13 moteam mmoa a,

momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!

Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,

ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.

Nanso onipa a ɔde me ne dwanekɔbea no

bɛdi asase no so

na wafa me bepɔ kronkron no."

Akoma A Abubu Awerɛkyekyerɛ

14 Na wɔbɛka :

"Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!

Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu."

15 Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,

deɛ ɔte ase daa a ne din kronkron no seɛ:

"Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,

me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,

mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,

na makanyane nʼakoma a abubu no.

16 Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,

na mebo remfu daa,

anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti mʼanim,

onipa ahome a me na mabɔ.

17 Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ;

metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani,

nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma .

18 Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ.

Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,

19 na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ Israel ano.

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,"

sei na Awurade seɛ. "Na mɛsa wɔn yadeɛ."

20 Na amumuyɛfoɔ te ɛpo a ɛrehuru,

ɛntumi nyɛ komm,

nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.

21 "Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ." Sei na me Onyankopɔn seɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-