13 "Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda
na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no,
sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da
na modi Awurade da kronkron no ni
na moamfa mo ara mo akwan so
na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,
14 ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu
na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so
na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so."
Awurade na aka.