Publicidade

Jeremias 18

Ɔnwomfoɔ No Fie

1 Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2 "ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo." 3 Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no , ɔreyɛ adwuma ne ntwahodeɛ so. 4 Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.

5 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 6 "Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi anaa?" Awurade na ɔseɛ. "Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-