11 Menim nhyehyɛeɛ a mewɔ ma mo," Awurade na ɔseɛ, "Nhyehyɛeɛ a ɛde mo bɛsi yie na ɛrenha mo, nhyehyɛeɛ a ɛbɛma mo anidasoɔ ne awieeɛ pa. 12 Afei mobɛfrɛ me na moaba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo. 13 Mobɛhwehwɛ me na mobɛhunu me, sɛ mode mo akoma nyinaa hwehwɛ me dea. 14 Mobɛhunu me," Awurade na ɔseɛ, "na mɛyi mo afiri nkoasom mu de mo asane aba. Mɛboaboa mo ano afiri amanaman ne beaeɛ a mepamoo mo kɔɔ so no nyinaa," Awurade na ɔseɛ, "na mede mo bɛsane aba baabi a metuu mo firi kɔɔ nnommum mu no bio."
Publicidade