Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 108

Dawid dwom.

1 Onyankopɔn, me koma asi pi;

mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.

2 Munnyan, sanku ne bɛnta!

Menyan anɔpahema.

3 Awurade, mɛkamfo wo aman mu;

mɛto wo ho nnwom nnipa no mu.

4 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;

wo nokwaredi du wim.

5 Onyankopɔn, ɛsɛ wɔma wo so tra ɔsoro,

na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.

6 Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,

na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.

7 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,

"Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu

na masusuw Sukot Bon.

8 Gilead me de; Manase nso saa ara;

Efraim me dade kyɛw,

Yuda mʼahempema.

9 Moab me guasɛn,

Edom so na metow me mpaboa gu;

na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so."

10 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?

Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?

11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn

na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?

12 Boa yɛn tia ɔtamfo no,

na ɔdesani mmoa nka hwee.

13 Onyankopɔn yɛn afa yi, yebedi nkonim,

na obetiatia yɛn atamfo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo no.

Veja também