Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 12

Dawid dwom.

1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;

nokwafo ayera nnipa mu.

2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;

wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano

ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

4 nea ɛka se, "Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;

yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?"

5 "Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni

ne ohiani apinisi no nti,

mɛsɔre afei," Awurade na ose.

"Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho."

6 Awurade asɛm nokware

te dwetɛ a wɔasɔn so fononoo mu,

na wɔahoa ho mpɛn ason.

7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni

na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,

bere a adesamma de nidi ma afide.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também