Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 139

Dawid dwom.

1 Awurade, woahwehwɛ me mu

na woahu me.

2 Wunim mʼasetena ne me sɔre;

wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.

3 Wunim mʼadifi ne me nnae mu;

wunim mʼakwan nyinaa mu.

4 Ansa na mebue mʼano akasa no

Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.

5 Woakata me ho nyinaa ahyia

na wobɔ me ho ban.

6 Saa nimdeɛ yi me nwonwa dodo,

ɛkɔ soro dodo ma me medu ho.

7 Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?

Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?

8 meforo soro a, wowɔ .

Na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wo ni.

9 mede adekyee ntaban tu

na mekɔtena po akyi nohɔ a,

10 mpo na wo nsa begya me akɔ,

na wo nsa nifa beso me mu.

11 Na meka se, "Ampa ara sum mmɛkata me so

na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,"

12 sum mpo nyɛ sum mma wo;

na anadwo bɛhyerɛn awia;

sum ne hann wo .

13 Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwen me me na awotwaa mu.

14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;

wo nnwuma nwonwa.

Minim ɛno yiye pa ara.

15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo

bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;

bere a wɔnwenee me asase bun mu no,

16 wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.

Nna dodow a woatwa ama me no,

wɔakyerɛw ne nyinaa wo nhoma mu

ansa na mu baako reba mu.

17 Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!

woka ne nyinaa mu a, ɛtrɛw dodo!

18 mise mɛkan a,

ne dodow bɛboro mpoano nwea,

minyan a,

me ne wo ara.

19 anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ!

Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!

20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfo mmmɔ wo din pa.

21 Awurade, metan wɔn a wɔtan wo,

na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?

22 Minni hwee ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn mʼatamfo.

23 Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;

me hwɛ, na hu mʼadwene.

24 Hwɛ bɔne bi me mu a,

na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Veja também