Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 47

Koramma dwom.

1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;

momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho nwonwa,

Ɔyɛ Ɔhene kɛse asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,

na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.

4 Oyii yɛn agyapade maa yɛn,

nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.

5 Onyankopɔn aforo soro anigye nteɛteɛmu mu,

Awurade torobɛnto nnyigyei mu.

6 To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom;

to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.

7 Efisɛ Onyankopɔn asase nyinaa so Hene.

Monto ahurusi nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di hene amanaman no so;

Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano

Abraham Nyankopɔn nkurɔfo,

efisɛ asase so ahemfo Onyankopɔn de;

na wɔma no so kɛse.

Veja também