Publicidade

Jeremias 30

Wɔgye Israel Si

1 Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia nie: 2 "Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. 3 Nna bi reba,sɛdeɛ Awurade seɛ, a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom wɔmfa ntena so,Awurade na ɔseɛ."

4 Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5 "Deɛ Awurade seɛ nie:

" Akomatuo nteateam na mete,

mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

6 Mommisa na monhunu:

Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?

Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara

ne nsa gu ne yafunu so te ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

7 Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!

Ɛda biara renyɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,

nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

8 " Saa ɛda no,Asafo Awurade na ɔseɛ,

Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,

na matete wɔn nkyehoma no mu;

ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

9 Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn

ne Dawid wɔn ɔhene,

a mɛpagya no ama wɔn.

10 " Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;

mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,

deɛ Awurade seɛ nie.

Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,

ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.

Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ

na obiara renhunahuna no bio.

11 Me ne wo na mɛgye wo nkwa,

Awurade na ɔseɛ.

Ɛwom mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

wɔn a mebɔ mo hwete wɔn mu no,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.

12 "Yei ne deɛ Awurade seɛ:

" Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,

na ɛnni asaeɛ.

13 Obiara nni a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuro no rennya aduro,

na worennya ayaresa.

14 Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,

ɛfiri wʼafɔdie so dodo

na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.

15 Adɛn enti na wosu denden wʼapirakuro ho,

wo yeadie a ano nni aduro ho?

Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti

na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.

16 " Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.

Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.

17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wo apirakuro,

Awurade na ɔseɛ,

ɛfiri wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,

Sion a wo ho nhia obiara.

18 "Yei ne deɛ Awurade seɛ:

" Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba

na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;

wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio ne mmubuiɛ so,

na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ ɛsie.

19 Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba

ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodoɔ no so rente;

mɛhyɛ wɔn animuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

20 Wɔn mma bɛdi yie kane no,

mɛma wɔn asafo atim mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

21 Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;

na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama

ɔbɛbɛn me?

Awurade na ɔseɛ.

22 Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,

na mayɛ mo Onyankopɔn.’ "

23 Hwɛ, Awurade ahum

bɛtu abufuhyeɛ mu,

ntwahoframa bɛdi kyinhyia

amumuyɛfoɔ mpampam.

24 Awurade abufuo rennwo

kɔsi ɔbɛwie

nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte yei ase.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-