Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 31

31 "Ɛberɛ no reba," Awurade na ɔseɛ,

"a me ne Israel efie

ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.

32 Ɛrenyɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛeɛ no

ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,

dii wɔn anim firii Misraim no.

Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,

ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,"

Awurade na ɔseɛ.

33 "Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,"

Awurade na ɔseɛ.

"Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na matwerɛ wɔn akoma so.

Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,

na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.

Veja também