31 "Ɛberɛ no reba," Awurade na ɔseɛ,
"a me ne Israel efie
ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.
32 Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,
dii wɔn anim firii Misraim no.
Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,
wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,"
Awurade na ɔseɛ.
33 "Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,"
Awurade na ɔseɛ.
"Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,
na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.
34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’
Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,
ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,"
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
"Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,
na merenkae wɔn bɔne bio."