Publicidade

Jeremias 1

1 Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako Benyamin asase so. 2 Awurade asɛm baa ne nkyɛn Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu. 3 Ɛtoaa so Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum.

Yeremia Frɛ

4 Awurade asɛm baa me nkyɛn ,

5 "Ansa na merebɔ wo awotwaa mu no, na menim wo;

ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;

meyɛɛ wo odiyifoɔ maa aman no."

6 Mekaa , "Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra."

7 Awurade ka kyerɛɛ me , "Nka meyɛ abɔfra.Ɛsɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo ka no. 8 Nsuro wɔn, ɛfiri meka wo ho, na magye wo," deɛ Awurade seɛ nie.

9 Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me , "Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu. 10 Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so , tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua."

11 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn , "Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?"

Na mebuaa , "Mehunu sorɔno dubaa."

12 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Wahunu no yie, na merehwɛ anim mʼasɛm bɛba mu."

13 Awurade asɛm baa me nkyɛn bio , "Ɛdeɛn na wohunu yi?"

Mebuaa , "Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam."

14 Awurade ka kyerɛɛ me , "Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15 Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa," deɛ Awurade seɛ nie.

"Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba

abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano;

wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia

ne Yuda nkuro nyinaa so.

16 Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn

wɔn amumuyɛ wɔagya me,

wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ

na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.

17 "Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔn anim. 18 Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19 Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri meka wo ho, na mɛgye wo," sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-