14 Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.
15 Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,
deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ,
"Wɔawo ɔbabarima ama wo!"
16 Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a
Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne ɔko owigyinaeɛ.
17 Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu
amma me maame anyɛ damena amma me.
18 Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ
bɛhunuu ɔhaw ne awerɛhoɔ
na mede aniwuo rebɛwie me nkwa nna yi?