23 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
"Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
24 Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,
na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so
ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,"
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.