Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 10

1 Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa?

Adɛn enti na wode wo ho ahinta amanehunu mmerɛ mu yi?

2 Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ,

wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.

3 Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho;

ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.

4 Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade;

na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.

5 Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie;

ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho;

na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.

6 Ɔka kyerɛ ne ho : "Biribiara mma me nhinhim;

mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da."

7 Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;

Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8 Ɔtɛ nkuraase;

ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee,

na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.

9 Ɔte gyata a wahinta;

ɔtɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;

ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn ne bɔn mu.

10 Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha;

na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11 Ɔka kyerɛ ne ho , "Onyankopɔn werɛ afi;

wayi nʼani afiri so na ɔnhunu."

12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn.

Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.

13 Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi?

Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho ,

"Ɔremfrɛ me akontabuo so?"

14 Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw;

na wayɛ wʼadwene wobɛhwɛ.

Mmɔborɔni de ne ho ma wo;

wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.

15 Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ;

frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa,

amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.

16 Awurade ɔhene daa nyinaa;

amanaman no bɛyera nʼasase so.

17 Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ;

wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,

18 na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so

renhunahuna obiara bio.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também