15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,
ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;
16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,
na ne sibea nnim no bio.
17 Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten
Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,
na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
18 wɔn a wɔdi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.