Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 103:19-22

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

19 Awurade asi nʼahennwa wɔ soro,

na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.

20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,

mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,

mo a motie nʼasɛm.

21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,

nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.

22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa

deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    19 Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro,

    na nʼahenni di ade nyinaa so.

    20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo,

    mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde,

    mo a mutie nʼasɛm.

    21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,

    nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.

    22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa;

    nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa.

    Me kra, kamfo Awurade!

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.