8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,
ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
9 Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,
na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;
10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata
na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.
11 Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,
saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,
saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.