3 Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
4 Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
5 Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotokuo ayɛ ma.
Wɔn anim rengu ase
ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.