Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 128:1-6

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

1 Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,

na wɔnante nʼakwan so.

2 Wobɛdi wʼadwuma so aba;

nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba

wɔ wo fie;

na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri

atwa wo ɛpono ho ahyia.

4 Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,

deɛ ɔsuro Awurade no.

5 Awurade nhyira wo mfiri Sion

wo nkwa nna nyinaa;

na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6 na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ nka Israel.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    1 Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,

    na wɔnantew nʼakwan so.

    2 Wubedi wʼadwuma so aba;

    nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.

    3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba

    wɔ wo fi;

    na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi

    atwa wo pon ho ahyia.

    4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira

    onipa a osuro Awurade no.

    5 Awurade nhyira wo mfi Sion

    na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;

    wo nkwanna nyinaa.

    6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.

    Asomdwoe nka Israel.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.