Publicidade

Salmos 130

Ɔsorokorɔ dwom.

1 Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;

2 Ao Awurade tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

3 Ao Awurade, wobu yɛn bɔne ho nkonta a,

anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

4 Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ;

ɛno enti wɔsuro wo.

5 Metwɛn Awurade, me kra twɛn,

na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.

6 Me kra twɛne Awurade

sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ,

sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.

7 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,

ɛfiri Awurade adɔeɛ a ɛwɔ daa

na ɔgyeɛ amapa ne mu.

8 Ɔno ankasa bɛgye Israel

afiri wɔn bɔne nyinaa mu.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-