Publicidade

Salmos 138

Dawid deɛ.

1 Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ;

mɛto wʼayɛyie dwom anyame no anim.

2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo

na makamfo wo din

wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti

ɛfiri wɔapagya wo din ne wʼasɛm no

asene nneɛma nyinaa.

3 Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so;

womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

4 Ao Awurade, ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a

ma wɔn nkamfo wo.

5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom,

na Awurade animuonyam kɛseɛ.

6 Ɛwom Awurade ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ,

na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

7 Ɛwom menam ɔhaw mu deɛ,

nanso wobɔ me nkwa ho ban;

wotene wo nsa mʼatamfoɔ abufuo so,

na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8 Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu;

Ao Awurade, wʼadɔeɛ daa,

nnyaa wo nsa ano adwuma .

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-