Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 139:1-18

1 Ao Awurade, woahwehwɛ me mu

na woahunu me.

2 Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ;

wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.

3 Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ;

wonim mʼakwan nyinaa.

4 Ansa na mɛbue mʼano akasa no

Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.

5 Woatwa me ho nyinaa ahyia

na wobɔ me ho ban.

6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so,

ɛyɛ me nwanwa dodo.

7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ?

Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?

8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.

Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie.

9 Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu

na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,

10 mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ,

na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.

11 Na meka sɛ, "Ampa ara esum mmɛkata me so

na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,"

12 esum mpo nnyɛ sum mma wo;

na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;

esum ne hann yɛ wo pɛ.

13 Na wo na wobɔɔ me honhom

wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.

14 Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu.

Wo nnwuma yɛ nwanwa.

Menim ɛno yie pa ara.

15 Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo

ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no;

ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,

16 wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no.

Nna dodoɔ a woatwa ama me no,

wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu

ansa na emu baako reba mu.

17 Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me!

Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!

18 Sɛ mese mɛkan a,

ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea,

sɛ menyane a,

me ne wo wɔ hɔ ara.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.