Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 141

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.

mesu mefrɛ wo a, gye me so.

2 Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim aduhwam;

ma me nsa a mapagya nyɛ anwummerɛ afɔrebɔ.

3 Ao Awurade, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano;

na wɛn mʼano ɛpono.

4 Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho,

na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ no bi;

mma me ne abɔnefoɔ

nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.

5 Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ;

ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo.

Me tiri rempo.

Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa.

6 Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam;

na amumuyɛfoɔ bɛhunu me nsɛm no nokorɛ.

7 Wɔbɛka , "Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no,

saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano."

8 Nanso, Ao Otumfoɔ Awurade, wo so na mʼani da;

wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo.

9 me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu,

mfidie a abɔnefoɔ asunsum no.

10 Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn,

na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu.

Veja também