Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 145:8-12

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

8 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Awurade yɛ ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.

10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefoɔ bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ

ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    8 Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;

    ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

    9 Awurade ye ma obiara;

    na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.

    10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;

    na wʼahotefo bɛma wo so.

    11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm

    na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

    12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse

    ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.