Publicidade

Salmos 16

Dawid mpaeɛbɔ.

1 me ho ban, Ao Onyankopɔn,

na wo mu na menya hintabea.

2 Meka kyerɛɛ Awurade ,

"MʼAwurade ne wo;

menni adepa biara ka wo ho."

3 Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ,

wɔne animuonyamfoɔ a

mʼanigyeɛ wɔn mu.

4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no

wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.

Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi

na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.

5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;

woama me kyɛfa anya banbɔ.

6 Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ ahomeka;

ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho anigye.

7 Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;

na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.

8 Mehunu Awurade mʼani so daa nyinaa.

Esiane ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.

9 Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie;

me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,

10 ɛfiri , worennya me awufoɔ mu.

Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.

11 Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan,

na wobɛma mʼani agye wʼanim,

na anika a ɛrensa da wo nifa so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-