1 Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden.
2 Awurade ne me botantim;
mʼaban ne me gyefoɔ;
me Onyankopɔn ne me botan
Ne mu na menya me hintabea.
Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden.
3 Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,
ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.