1 Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm!
Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,
2 Ɛda biara, wɔkasa;
anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.
3 Ɔkasa anaa nsɛm nnim
na wɔnnte wɔn nne.
4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,
wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.
Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,
5 a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,
te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.
6 Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi
na atwa ne ho akɔsi ano;
biribiara nhinta ne hyeɛ.
7 Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyane ɔkra no.
Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,
ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.
8 Awurade ahyɛdeɛ tene;
ɛma akoma mu anigyeɛ.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ɛbue ani.